REGGIE ROCKSTONE ft. K K. FOSU _ Ah! (Lyrics Acapella)

Sdílet
Vložit
  • čas přidán 20. 06. 2024
  • REGGIE ROCKSTONE ft. K K. FOSU _ Ah!
    (Lyrics Acapella)
    Intro......
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae, Ebi nsi biem Reggie wae, Mennim nea ɛma mefaa wo wife.
    Mmm asiane ho ɔtoro oo
    Monhwɛ sɛɛ mmaa bi ho ɔhene ah!
    Mea me yɔnko paa na mafa ne yere yi
    Ɛdeɛn koraa ni, asɛm bɛn nie ye
    Yɛkaeɛ kaeɛ kaeɛ a mantie ei
    Efiri akɔnnɔ bɔne anaasɛ efiri fie buei
    M'ani awu pɔtɔɔ mentumi mpue, ɛnnɛ menie
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae (Never that)
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife. (Two paddy no follow one girl)
    Metti fa me bɔne kyɛ me wae (Never that)
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife.
    K.K mesee atɔ me so, nsɛm ɛnenam me tirim dɔɔso
    Woawia m'akoma de kɔ, seesei ara hwan na menkɔ
    jorso.
    Wosee mepa a metumi kɔhye po, woatu m'akoma afiri me koko,
    Monkyia atiefoɔ mepa kyɛw na mekoto,
    Sɛ meka sɛ mɛtwerɛ ne nyinaa a pepa no nso,
    Ɛpopɔ kɛseɛ bi abegyina m'akoma mu mentumi mforo. Asɛm no nie,
    Mene K.K na ɛkɔɔ School, me senior nso na mene wo yɛ cool,
    Mene wo na ɛbɔ kosua tafere biribiara yɛ two
    Me think paddy yɛkɔ te sɛ rice and stew,
    Wotumi bɛgye medeɛ hyɛ mfa meho sɛ ɛyɛ brand new from provi to shoe,
    Hwan na ɛdwenee sɛ daakye bi, wobetumi atena ase ne me yere ayɛ me cool awaawaa atuu,
    Da na mede hyiaa wo, bere a wofiri uptown baa downtown,
    Wotumi bɛfa me yere mosee mokɔhwɛ town, ne nyinaa sɛɛ na woreyɛ me yere ho towns,
    Mennim koraa sɛɛ na me connection no ayɛ bounced,
    Mesee mansuspecti mpo sɛ na motricki me herr,
    Nkranni bɛka kwɔ ɛ, mekyee mo nka mereyɛ awu,
    Bɛhwɛ barima paa ne raster afu a ogyina kwan nkyɛn a osu,
    Medɔfo ne m'adamfo adane me tamfo mayɛ sɛ funu,
    Motumi hwɛ m'anim yɛ wɔ m'akyi madane mumu,
    K.K seesei ara me na madane Kwasea fool, wasɛe me do,
    I repeat K.K me think paddy na yɛkɔ te sɛ rice and stew.
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Metti fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Shaizzy Jack one see ohuu mo wɔ kurom,
    na mo ani gye a agye,
    Ice-cream anane nam wo nsa ho na ɔtafere tafere,
    Te bi di biribiara abere, aben aa ma ɛɛhye,
    Yɛsee otua w'ano te sɛ atere, nti monfɛre arh
    Meteɛ at once na meyare na mepɛ sɛ mefe.
    Meka kyerɛɛ me maame ɔsee wanhyɛda ampɛ w'asɛm from tete kyerɛ,
    Ɔbaa a ɔnoa nkwan a ne werɛ tumi firi nkyene, wei nyɛ ɔbaa a ɛwɔ sɛ meba ware,
    Me ankasa meba fie hɔ na ne nnoɔma no mabɛboa ma yapakki,
    Ɔbaa bɔne yaw asante mensu woyɛ ɔhene wo ho ɛfɛ, Ɛne Jullie nkɔka meyɛ sure sɛ ɔbɛpene,
    ɔdɔ yɛ aduro, nso ɛnyɛ aduro biaa na ɛwɔ sɛ nnipa mene,
    Tontontin ɔmo redi nsɛm hunu no na yɛfa adwene,
    Ɔkɔm de wo a bra fie na bedi wo maame aduane
    Hwan na ɛde wo baa wiase mu nnyɛ ɔno ɛyɛ me
    Sweet mother yaw asante meda wo ase.
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Metti fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Metti fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi bio Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Reggie fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
    Metti fa me bɔne kyɛ me wae
    Ebi nsi biem Reggie wae
    Mennim nea ɛma mefaa wo wife
  • Zábava

Komentáře •